Joshua 7:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.