Joshua 7:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea wɔbɛkyere no ahyirade no so no, wɔmfa ogya nhyew no ne nea ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseade Israel mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”