Joshua 7:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”