Joshua 8:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔmanba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔman ba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel nyinaa ne wɔn mpanyimfo ne ahwɛfo ne wɔn atemmufo gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfo, Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔho ne ɔman ba nyinaa; wɔn fa wɔ Gerisim bepɔw ntentenso, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔw ntentenso, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛe sɛ wonhyira ɔman Israel kan no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔkyɛɛ Israelfo nyinaa; ahɔho ne ɔmanfo, ntuanofo, adwumayɛfo ne atemmufo nyinaa mu akuw abien. Kuw baako gyinaa Gerisim bepɔw ayaase na kuw baako nso gyinaa Ebal bepɔw ayaase. Akuw abien yi dii nhwɛanim. Na Lewifo asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade somfo Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyira Israelfo no te.