Joshua 8:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔbɛfiri adi abɛdi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu; na wɔbɛka sɛ: Wɔredwane afiri yɛn anim sɛ akane no; enti yɛbɛdwane afiri wɔn anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔbɛfiri adi abɛdi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu; na wɔbɛka sɛ: Wɔredwane afiri yɛn anim sɛ akane no; enti yɛbɛdwane afiri wɔn anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wobefi adi adi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho; na wɔbɛka sɛ: Wɔreguan afi yɛn anim sɛ kan no; enti yebeguan afi wɔn anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kosi sɛ wɔn nyinaa befi kuropɔn no mu. Na wɔbɛka se ‘Israelfo no reguan sɛnea wɔyɛɛ kan no.’