Judges 1:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda siim kɔɔ Kanaanfo a wɔte Hebron no ho, nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so.