Judges 1:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kaleb ne nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.