Judges 1:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ommisa n’agya [Kaleb] hɔ asase bi. Na Aksa fi n’afurum so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?”