Judges 1:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde Hebron maa Kaleb, sɛnea Mose kae no, na otuu Anak mma baasa no fii hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ.