Judges 1:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Sebulon antu Kitronfo ne Nahalolfo; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu, na wɔhyɛɛ wɔn de yɛɛ ɔsom adwuma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.