Judges 1:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Naftali antu Bet-semesfo ne Bet-anatfo, na wɔtenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu. Na Bet-semesfo ne Bet-anatfo na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo.