Judges 11:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amonfo hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfo no sɛ: Efisɛ Israel faa m’asase bere a wofii Misraim reba no, de fi Arnon kosi Yabok ne Yordan ano. Na afei dan ma me komm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.”