Judges 11:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amorifoɔ hene Sihon a ɔyɛ Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛntwam w’asase so nkɔ m’afa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amorifoɔ hene Sihon a ɔyɛ Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛntwam w’asase so nkɔ m’afa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon a ɔyɛ Hesbonhene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yentwam w’asase so nkɔ m’afa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no.