Judges 11:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnne yɛ me sɛnea afi w’ano no, sɛ AWURADE anya adi were ama wo, w’atamfo Amonfo no so yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ Awurade ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim.