Judges 11:38 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ: Kɔ! Na ogyaa no kwan asram abien. Na ɔne ne mfɛfo kɔe, na okosuu ne mmabaabere mmepɔw so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma.