Judges 11:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasane aba wo nkyɛn yi, na ɛne yɛn nkɔ na yɛne Amon mma nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfoɔ nyinaa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasane aba wo nkyɛn yi, na ɛne yɛn nkɔ na yɛne Amon mma nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfoɔ nyinaa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasan aba wo nkyɛn yi, na wo ne yɛn nkɔ na yɛne Amonfo nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfo nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.”