Judges 13:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no sɛ: Wo din de dɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Manoa bisaa Awurade bɔfo no se, “Wo din de dɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo anuonyam.”