Judges 13:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Nyankopɔn bɔfoɔ no baa ɔbaa no nkyɛn bio, na ɔwɔ afuo mu a ne kunu Manoa nka ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Nyankopɔn bɔfoɔ no baa ɔbaa no nkyɛn bio, na ɔwɔ afuo mu a ne kunu Manoa nka ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Onyankopɔn bɔfo no baa ɔbea no nkyɛn bio, na ɔwɔ afum a ne kunu Manoa nka ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfo no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ bere a ɔwɔ afum. Nanso na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ.