Judges 14:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ? Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?” Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwie amfuntum a, anka moanhunu m’aborɔme no ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwie amfuntum a, anka moanhunu m’aborɔme no ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kurow no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛto so ason no ansa na owia retɔ sɛ: Dɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sen ɛwo, na ɛdɛn na ne ho yɛ den sen gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwi amfɛtɛw a, anka moanhu m’aborɔme no ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kurow no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no ase se, “Dɛn na ɛyɛ dɛ sen ɛwo? Dɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?” Samson buaa wɔn se, “Sɛ mo ne ɔfatwafo no antu agyina a, anka morennya aborɔme no nkyerɛase.”