Judges 15:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Filistifo no kae sɛ: Hena po na ɔyɛɛ eyi? Na wose: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko ntia. Ɛnna Filistifo no siim kɔe de ogya kɔhyew Timnani no ne n’agya fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui.