Judges 16:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nnipa ahyɛ asɔrefie hɔ ma tɔ. Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso mmarima ne mmea ayɛ ofie hɔ ma, na Filistifo asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ ɔdan no atifi rehwɛ Samson agoru no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na nnipa ahyɛ hyiadan mu hɔ ma tɔ. Filistifo ntuanofo no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɔdan no so nkuruso no nso na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛw.