Judges 19:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔhoɔ na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbarima fiwura no fii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fi yi, munnni nkwaseasɛm yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase.