Judges 19:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ne nnaana so no, wɔsɔree anɔpatutu, na osiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Fa abodoo afono ma bi dwudwo wo koma, na ɛno akyi no, moasi kwan so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.”