Judges 2:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii.