Judges 20:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ wɔ mo mu yi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel mmusuakuw somaa nnipa kɔɔ Benyamin abusuakuw nyinaa mu kae sɛ: Dɛn adebɔne ara ne nea wɔayɛ mo mu yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi?