Judges 20:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
(Nkra duruu Benyamin asase so sɛ Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
(Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
(Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo asim kɔ Mispa. Na Israelfo no kae sɛ: Monka nkyerɛ yɛn ɛ, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte sɛɛ yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
(Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii.