Judges 20:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Benyaminfo no huu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima no bɔɔ twitwi na wɔmaa Benyamin kwan, efisɛ wɔn ani da atɛwfo a wɔama wɔakɔtetɛw Gibea no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma.