Judges 20:40 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem wɔ kuro no mu baabiara no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnyahyewee no fii ase ma owusiw kumɔnn no sɔre fii kurow no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, kurow mu no rehyew na ne wusiw reforo kɔ ɔsoro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no,