Judges 21:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Benyaminfo no yɛɛ saa, na wɔfofaa yerenom sɛ wɔn dodow te fii wɔn a wɔbɛsawee a wɔkyeree wɔn no mu. Na wosii mu san kɔɔ wɔn agyapade so, na wɔkyekyee nkurow no tenatenaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Benyamin mmarima no yɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. Wowiawiaa mmea a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapade no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkurow no bio tenaa mu.