Judges 3:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔno ara de, ɔdan ne ho fii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkae sɛ: Ɔhene, mewɔ ahintasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Monyɛ komm. Na wɔn a wogyina ne ho nyinaa fii ne nkyɛn fii adi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso bere a Ehud duu abo ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsan nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mewɔ kokoamsɛm bi ka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfo no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa fii ɔdan mu hɔ.