Judges 3:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mmammaa memaa wɔn mmammarima awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mmammaa memaa wɔn mmammarima awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔfofaa wɔn mmabea warewaree na wɔde wɔn mmabea momaa wɔn mma aware, na wɔsonsom wɔn anyame.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame.