Judges 4:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo a wɔyɛ Mose n’ase Hobab mma no ho, na watew mu akodu dupɔn a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho akosi ne ntamadan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefo no ho, akosi ne ntamadan wɔ dua kɛse bi a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.