Judges 4:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim, na Sisera fii ne nteaseɛnam mu sii fam guanee n’ananmu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.