Judges 4:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Sisera de n’anan guan kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fi ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.