Judges 5:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea anka apereperefo teɛm wɔ anomee no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE trenee, ne nniso trenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man sian kɔɔ kurow no apon mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee. Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi, ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.