Judges 5:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no, ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu. Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔrennya asadeɛ nkyɛ? Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ, mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔrennya asadeɛ nkyɛ? Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ, mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So wɔrennya asade nkyɛ? Ababaa biako anaa baanu mma ɔbarima biako, ntade a wɔahyɛ no aduru asade mma Sisera, ntade a wɔahyɛ no aduru adi mu adwinni asade, mpaanedwuma ntama nworannworan ahorow abien a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asade?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no, ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu. Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’