Judges 5:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔyiyii anyame foforɔ, ɛno na akodie baa kuro apono akyire. Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu nnipa mpem aduanan mu?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔyiyii anyame foforɔ, ɛno na akodie baa kuro apono akyire. Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu nnipa mpem aduanan mu?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔpopaw anyame foforo, ɛno na dɔm baa kurow apon akyi. So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Israel som anyame foforo no, ɔko sɔree kuropɔn no apon ano. Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!