Judges 6:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kurom hɔfo ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ommewu, efisɛ waburuw Baal afɔremuka na watwitwa ɛho Asera nnua no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.”