Judges 7:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ: Na hwɛ, sɛ midu nsra no ano a, sɛnea mɛyɛ no, saa ara na monyɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ me. Munni mʼakyi. Sɛ midu atenae no mfikyiri a, nea mɛyɛ biara no, monyɛ bi.