Judges 7:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “ Awurade akofena yɛ Gideon akofena!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wokurakura agyatɛn no wɔn nsa benkum mu, ne ntorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteɛɛm sɛ: AWURADE ne Gideon nkrante!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “ Awurade afoa yɛ Gideon afoa!”