Judges 7:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’ ” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti afei ma wɔnka ɔman no asom sɛ: Nea osuro na ne koma tutu no nsan n’akyi, na ɔnnan n’ani mfi Gilead bepɔw ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa ɔpeduonu abien san wɔn akyi kɔe, na ɛkaa nnipa ɔpedu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara a ɔyɛ bɔtee anaa osuro no, onyi ne ho mfi mu na ɔnkɔ fie.’ ” Wɔn mu mpem aduonu abien na wɔkɔɔ fie, na ɛkaa wɔn mu mpem du a wɔpɛe sɛ wɔbɛko.