Judges 7:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wogyigyee ɔman no akwansoduan ne wɔn ntorobɛnto kurakurae; na ogyaa Israel nyinaa kwan ma wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu, na osoo mmarima ahasa no mu. Na Midian nsra no wɔ n’ase fam, obon no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.