Judges 8:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ Sukotfo no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wodi m’akyi yi abodoo sebɔw bi ɛ, na wɔabrɛ, na me nso meretiw Midian ahene Seba ne Salmuna.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”