Judges 9:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, —
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, —
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, sɛ mudii no nokware ne trenee mu sɛ musii Abimelek hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fi adi no yiye, na sɛ n’adwuma so ade na mode ayɛ no yi a,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana?