Judges 9:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wɔn busuani.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ne na nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfoɔ nyinaa aso mu; na wɔn akoma dane dii Abimelek akyi, na wɔse: Yɛn nua ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ne na nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfoɔ nyinaa aso mu; na wɔn akoma dane dii Abimelek akyi, na wɔse: Yɛn nua ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ne na ne nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfo nyinaa asom; na wɔn koma dan dii Abimelek akyi, na wose: Yɛn nua ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani.