Judges 9:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene.