Judges 9:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sekemfoɔ montie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, ɔsii mu kɔgyinaa Gerisim bepɔ atifi, na ɔmaa ne nne so teaa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, ɔsii mu kɔgyinaa Gerisim bepɔ atifi, na ɔmaa ne nne so teaa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, osiim kogyinaa Gerisim bepɔw atifi, na ɔmaa ne nne so teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfo, muntie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me!