Lamentations 1:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wama ogya firi soro aduru me nnompe mu, na ɛdidi mu; wasum me nan fidie, wama masane m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ hodwoo daa nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wama ogya firi soro; aduru me nnompe mu, na adidi mu; wasum me nan fidie, wama masane m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ hodwoo daa nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wama ogya fi soro aduru me nnompe mu, na edidi mu; wasum m’anan afiri, wama masan m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ gorɔw daa adesae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɔsomaa ogya fii ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Osum afiri maa mʼanan na ɔsan me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ beraw da mu nyinaa.