Lamentations 1:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE ato m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu. Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me, sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ; AWURADE atiatia Yuda babaa so sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE ato m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu. Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me, sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ; AWURADE atiatia Yuda babaa so sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE atow m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu; ɔfrɛɛ nnipa ma wohyiaa mu hyɛɛ me, sɛ wɔnnwerɛw me mmerante; AWURADE atiatia Yuda babea so sɛ wotiatia nsa-kyi-amoa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Awurade apo akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ asraafo atia me sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante. Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so wɔ ne nsakyiamoa mu.