Lamentations 1:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sion trɛ ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; Yerusalem abɛyɛ afideɛ wɔ wɔn mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sion atrɛ ne nsam, nanso ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. AWURADE ahyɛ no Yakob ho sɛ wɔn a atwa ne ho ahyia nyɛ n’ahohiahiafoɔ; Yerusalem adane wɔn mu afideɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sion atrɛ ne nsam, nanso ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. AWURADE ahyɛ no Yakob ho sɛ wɔn a atwa ne ho ahyia nyɛ n’ahohiahiafoɔ; Yerusalem adane wɔn mu afideɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sion atrɛw ne nsam: Onni ɔwerɛkyekyefo bi; AWURADE ahyɛ Yakob sɛ, ne mfɛfo a atwa ne ho ahyia nyɛ n’atamfo; Yerusalem adan afide wɔ wɔn ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sion trɛw ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ. Awurade ahyɛ ama Yakob se ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo; Yerusalem abɛyɛ afide wɔ wɔn mu.